Psalms 101

Dawid Dwom.


1 Mɛto wo dɔ ne wo trenee ho nnwom;
Awurade, mɛto ayeyi nnwom ama wo.

2 Mɛhwɛ yiye abu ɔbra a ho tew;
da bɛn na wobɛba me nkyɛn?

Mede koma a afɔdi nni mu
bɛhwɛ me fi so.

3 Merennye ade a ɛyɛ tan
biara nto mu.

Mikyi nnipa a wonni gyidi nneyɛe;
meremfa me ho mmata ho.

4 Nnipa a wɔn koma yɛ kɔntɔnkye remmɛn me;
me ne bɔne nni hwee yɛ.


5 Obiara a odi ne yɔnko ho nseku wɔ kokoa mu no,
ɔno na mɛsɛe;
nea ɔwɔ ahantan ani ne ahomaso koma,
ɔno na merennyigye no so.


6 Mʼani bɛkɔ anokwafo a wɔwɔ asase no so no so
na me ne wɔn atena;
nea ne nantew ho nni asɛm no
ɔno na ɔbɛsom me.


7 Nea ɔyɛ ɔdaadaafo biara
rentena me fi;
nea otwa nkontompo no
rennyina mʼanim.


8 Adekyee biara,
mɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ asase yi so nyinaa;
na mapam ɔdebɔneyɛni biara
afi Awurade kuropɔn mu.
Copyright information for TwiAKNA